Native Bible

Ezekiel 34:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

enti, nnwanhwɛfoɔ, montie Awurade asɛm:

Ezekiel 34:9 in English

Ezekiel 34:9 · Berean Standard Bible

therefore, you shepherds, hear the word of the LORD!’

Context

7“ ‘Enti, mo nnwanhwɛfoɔ, montie Awurade asɛm: 8Nokorɛm, sɛ mete ase yi, Otumfoɔ Awurade asɛm nie, ɛsiane sɛ me nnwankuo nni ɔhwɛfoɔ enti wɔawiawia wɔn na wɔayɛ hanam ama wiram mmoa, na ɛsiane sɛ nnwanhwɛfoɔ no anhwehwɛ me nnwan no na mmom wɔhwɛɛ wɔn ankasa ho na wɔtoo me nnwan no asaworam 9enti, nnwanhwɛfoɔ, montie Awurade asɛm: 10Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Me ne nnwanhwɛfoɔ no anya na mɛma wɔabu me nnwankuo no ho akonta. Memma wɔnhwɛ nnwankuo no bio sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrenkum nnwan no nnwe; mɛgye me nnwankuo afiri wɔn anom na wɔrenyɛ wɔn aduane bio. 11“ ‘Na yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Me ara mɛhwehwɛ me nnwan na mahwɛ wɔn so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.