Hesekiel 31:4
Ezekiel 31:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nsuo no maa no aduane, nsuwa nsuwa a emu dɔ ma ɛnyini kɔɔ ɔsoro; wɔn asutene fofaa nʼase nyinaa de kɔɔ mfuo no so nnua nyinaa ho.
Ezekiel 31:4 in English
Ezekiel 31:4 · Berean Standard Bible
The waters made it grow; the deep springs made it tall, directing their streams all around its base and sending their channels to all the trees of the field.
Context
2“Onipa ba, ka kyerɛ Misraimhene Farao ne ne nipadɔm sɛ:
“ ‘Hwan ho na yɛde wo kɛseyɛ bɛtoto? 3Dwene Asiria ho, ntweneduro bi a berɛ bi na ɛwɔ Lebanon,
Ɔde mman a ɛyɛ fɛ, na ɛhyɛ kwaeɛ so
nyini kɔɔ ɔsoro yie,
ma ne nkɔn mu boro nhahan a ayɛ kusuu no so. 4Nsuo no maa no aduane,
nsuwa nsuwa a emu dɔ ma ɛnyini kɔɔ ɔsoro;
wɔn asutene fofaa nʼase nyinaa
de kɔɔ mfuo no so nnua nyinaa ho. 5Enti ɛkɔɔ ɔsorosoro
senee mfuo no so nnua nyinaa;
ne dubaa dɔɔso
ne mman nyini yɛɛ atentene,
na nsuo dodoɔ a ɛnyaa no enti ɛdendaneeɛ. 6Ewiem nnomaa nyinaa
yɛɛ wɔn pirebuo wɔ ne dubaa no mu,
wiram mmoa nyinaa
wowoo mma wɔ ne mman no ase
aman akɛseɛ nyinaa
tenaa ne nwunu ase.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.