Hesekiel 30:23
Ezekiel 30:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mede Misraimfoɔ bɛkokɔ amanaman mu na mahwete wɔn agu nsase so.
Ezekiel 30:23 in English
Ezekiel 30:23 · Berean Standard Bible
I will disperse the Egyptians among the nations and scatter them throughout the lands.
Context
21“Onipa ba, mabu Misraimhene Farao abasa mu. Wɔnkyekyereeɛ na atoa bio; na wɔmmfa nhyɛɛ ntoma bamma mu na anya ahoɔden a ɔde bɛsɔ akofena mu. 22Ɛno enti, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ: Mene Misraimhene Farao anya, mɛbu nʼabasa mmienu no mu; abasa a ɛyɛ ne deɛ a emu abuo no, na mama akofena afiri ne nsam atɔ fam. 23Mede Misraimfoɔ bɛkokɔ amanaman mu na mahwete wɔn agu nsase so. 24Mɛhyɛ Babiloniahene basa mu den na mede mʼakofena ahyɛ ne nsa, nanso Farao deɛ, mɛbu nʼabasa mu, na wasi apinie wɔ nʼanim sɛ obi a wapira pirabɔne. 25Mɛma Babiloniahene abasa mu ayɛ den, nanso Farao abasa bɛdwodwo asensɛn ne ho. Sɛ mede mʼakofena hyɛ Babiloniahene nsa na ɔma so tia Misraim a, wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.