Native Bible

Ezekiel 29:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Onipa anaa aboa biara nan rensi so, obiara rentena so mfeɛ aduanan.

Ezekiel 29:11 in English

Ezekiel 29:11 · Berean Standard Bible

No foot of man or beast will pass through, and it will be uninhabited for forty years.

Context

9Misraim bɛda mpan na asɛe. Ɛno na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade. “ ‘Ɛfiri sɛ wo kaa sɛ, “Nil yɛ me dea; Me na meyɛeɛ,” enti 10me ne wo ne wo asutene anya, na mɛma Misraim asase asɛe na ada mpan, ɛfiri Migdol kɔsi Aswan twam de kɔka Kus hyeɛ so. 11Onipa anaa aboa biara nan rensi so, obiara rentena so mfeɛ aduanan. 12Mɛma Misraim asase no ada mpan wɔ nsase a asɛeɛ mu na ne nkuropɔn bɛda mpan mfeɛ aduanan wɔ wɔn nkuropɔn a asɛeɛ mu. Na mɛbɔ Misraimfoɔ apete wɔ amanaman mu, na mahwete wɔn wɔ nsase so. 13“ ‘Nanso yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mfeɛ aduanan akyi no, mɛboaboa Misraimfoɔ ano afiri aman a mebɔɔ wɔn petee soɔ no so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.