Native Bible

Ezekiel 26:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔbɛsɛe Tiro afasuo na wɔadwiri nʼaban tentene. Mɛtwerɛ ɛso dɔteɛ agu ama ayɛ ɔbotan kwawee.

Ezekiel 26:4 in English

Ezekiel 26:4 · Berean Standard Bible

They will destroy the walls of Tyre and demolish her towers. I will scrape the soil from her and make her a bare rock.

Context

2“Onipa ba, Tiro aka afa Yerusalem ho sɛ ‘Ahaa! Amanaman no ano ɛpono abubu na nʼapono no abuebue ama me; seesei a kuropɔn yi asɛe yi, mɛnya nkɔsoɔ.’ 3Ɛno enti, sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Me ne wo anya Tiro, mede aman bebree bɛba abɛtia wo te sɛ ɛpo a ɛrebɔ nʼasorɔkye. 4Wɔbɛsɛe Tiro afasuo na wɔadwiri nʼaban tentene. Mɛtwerɛ ɛso dɔteɛ agu ama ayɛ ɔbotan kwawee. 5Ɛpo mu, ɔbɛyɛ beaeɛ a wɔhata asau, ɛfiri sɛ makasa. Otumfoɔ Awurade asɛm nie. Ɔbɛyɛ amanaman no afodeɛ, 6na akofena bɛsɛe nʼatenaeɛ a ɛwɔ asase kesee soɔ no pasaa. Afei wɔbɛhunu sɛ, mene Awurade no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.