Hesekiel 25:11
Ezekiel 25:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
na mɛtwe Moab aso. Na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.’ ”
Ezekiel 25:11 in English
Ezekiel 25:11 · Berean Standard Bible
So I will execute judgments on Moab, and they will know that I am the LORD.’
Context
9enti, mɛbue Moab nkyɛn mu, afiri nkuro a ɛdeda nʼahyeɛ so, Bet-Yesimot, Baal-Meon ne Kiriataim, a ɛyɛ asase no animuonyam. 10Na mede Moab bɛka Amonfoɔ ho ama nnipa a wɔwɔ Apueeɛ fam de ayɛ wɔn dea, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrenkae Amonfoɔ wɔ amanaman no mu; 11na mɛtwe Moab aso. Na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.’ ” 12“Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: ‘Esiane sɛ Edom tɔɔ werɛ wɔ Yuda efie so na ɔnam so dii fɔ no enti, 13deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie: Mɛtene me nsa atia Edom na makum ne mmarima ne ne mmoa. Mɛma asase a ɛda Teman kɔsi Dedan ada mpan, na wɔbɛtotɔ wɔ akofena ano.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.