Hesekiel 24:18
Ezekiel 24:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti mekasa kyerɛɛ nnipa no anɔpa, na nʼanwummerɛ na me yere wuiɛ. Adeɛ kyeeɛ no, meyɛɛ sɛdeɛ wɔahyɛ me no.
Ezekiel 24:18 in English
Ezekiel 24:18 · Berean Standard Bible
So I spoke to the people in the morning, and in the evening my wife died. And the next morning I did as I had been commanded.
Context
16“Onipa ba, merebɛbɔ wo fua na mafa adeɛ a wʼani gye ho yie. Nanso ɛntwa adwo, ɛnni awerɛhoɔ na ɛnnte nisuo. 17Si apinie komm; ɛnni owufoɔ ho awerɛhoɔ. Ma wʼabotiten mmɔ wo na hyɛ wo mpaboa; nkata wʼano na ɛnni amanneɛ aduane a wɔn a wɔdi awerɛhoɔ di.” 18Enti mekasa kyerɛɛ nnipa no anɔpa, na nʼanwummerɛ na me yere wuiɛ. Adeɛ kyeeɛ no, meyɛɛ sɛdeɛ wɔahyɛ me no. 19Afei nnipa no bisaa me sɛ, “Worenkyerɛ yɛn deɛ ade a woreyɛ yi bɛyɛ wɔn yɛn ho?” 20Enti meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.