Hesekiel 20:4
Ezekiel 20:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Bu wɔn atɛn. Bu wɔn atɛn, onipa ba. Fa wɔn agyanom akyiwadeɛ a wɔyɛeɛ no si wɔn anim
Ezekiel 20:4 in English
Ezekiel 20:4 · Berean Standard Bible
Will you judge them, will you judge them, son of man? Confront them with the abominations of their fathers
Context
2Na Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 3“Onipa ba, kasa kyerɛ Israel mpanimfoɔ no sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Moaba sɛ morebɛbisa me nkyɛn adeɛ anaa? Sɛ mete ase yi, meremma mo ɛkwan mma mommisa me nkyɛn mmoa, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ.’ 4“Bu wɔn atɛn. Bu wɔn atɛn, onipa ba. Fa wɔn agyanom akyiwadeɛ a wɔyɛeɛ no si wɔn anim 5na ka kyerɛ wɔn sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛda a meyii Israel no, memaa me nsa so kaa ntam kyerɛɛ Yakob efie asefoɔ na meyii me ho adi kyerɛɛ wɔn wɔ Misraim. Memaa me nsa so ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mene Awurade, mo Onyankopɔn.” 6Saa ɛda no, mekaa wɔn ntam sɛ mɛyi wɔn afiri Misraim na mede wɔn aba asase a mahwehwɛ ama wɔn, asase a ɛwoɔ ne nufosuo sene wɔ so, asase nyinaa mu deɛ ɛyɛ papa paa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.