Hesekiel 18:2
Ezekiel 18:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Sɛ mo saa nkurɔfoɔ yi bu saa bɛ a ɛfa Israel asase yi ho a, na mopɛ sɛ mokyerɛ ɛdeɛn: “ ‘Agyanom adi bobe bunu, nanso wɔn mma mmom se afem anaa?’
Ezekiel 18:2 in English
Ezekiel 18:2 · Berean Standard Bible
“What do you people mean by quoting this proverb about the land of Israel: ‘The fathers have eaten sour grapes, and the teeth of the children are set on edge’?
Context
1Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, 2“Sɛ mo saa nkurɔfoɔ yi bu saa bɛ a ɛfa Israel asase yi ho a, na mopɛ sɛ mokyerɛ ɛdeɛn:
“ ‘Agyanom adi bobe bunu,
nanso wɔn mma mmom se afem anaa?’ 3“Nokorɛm, sɛ mete ase yi, sei na Awurade seɛ, moremmu saa bɛ yi bio wɔ Israel. 4Ɔkra teasefoɔ biara wɔ me, agya ne ɔba barima nyinaa, wɔn nyinaa wɔ me. Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ne deɛ ɔbɛwuo.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.