Hesekiel 16:62
Ezekiel 16:62 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti me ne wo bɛyɛ apam na wobɛhunu sɛ mene Awurade.
Ezekiel 16:62 in English
Ezekiel 16:62 · Berean Standard Bible
So I will establish My covenant with you, and you will know that I am the LORD,
Context
60Nanso mɛkae apam a me ne wo yɛɛ wo mmabunu berɛ mu, na me ne wo bɛyɛ apam a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ. 61Afei wobɛkae wʼakwan na wʼani awu ɛberɛ a wo nsa aka wo nuammaa; wɔn a wɔanyini sene woɔ ne nkumaa nyinaa. Mede wɔn bɛma wo sɛ wo mmammaa, nanso ɛrennyina apam a me ne wo ayɛ no so. 62Enti me ne wo bɛyɛ apam na wobɛhunu sɛ mene Awurade. 63Afei sɛ meyɛ mpata ma wo wɔ deɛ woayɛ nyinaa ho a, wobɛkae na wʼani bɛwu na woremmue wʼano bio wɔ brɛ a wɔabrɛ wo ase enti, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’ ”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.