Hesekiel 15:4
Ezekiel 15:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na sɛ wɔde ne nyina hyɛ ogya mu na etire ne etire hye ma mfimfini yɛ bidie a, ɛho ba mfasoɔ bi anaa?
Ezekiel 15:4 in English
Ezekiel 15:4 · Berean Standard Bible
No, it is cast into the fire for fuel. The fire devours both ends, and the middle is charred. Can it be useful for anything?
Context
2“Onipa ba, ɛkwan bɛn so na bobe dutan ho bɛba mfasoɔ asene kwaeɛ mu dua foforɔ biara mman? 3Wɔtwa dua no bi de yɛ biribi a ɛho wɔ mfasoɔ? Wɔde yɛ pɛɛwa a wɔde nneɛma sensɛn soɔ anaa? 4Na sɛ wɔde ne nyina hyɛ ogya mu na etire ne etire hye ma mfimfini yɛ bidie a, ɛho ba mfasoɔ bi anaa? 5Na sɛ ɛho amma mfasoɔ ɛberɛ a ɛdi mu a, ɛbɛyɛ den na wɔbɛtumi de ayɛ mfasodeɛ bi, ɛberɛ a ahye adane bidie? 6“Enti yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛdeɛ mede bobe dua a ɛfera kwaeɛm nnua mu ama sɛ wɔmfa nsɔ ogya no, saa ɛkwan no so na mede nnipa a wɔte Yerusalem no bɛfa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.