Native Bible

Ezekiel 14:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mɛtu mʼani asa onipa no na mede no ayɛ nhwɛsoɔ ne akasabɛbuo. Mɛyi no afiri me nkurɔfoɔ mu. Afei mobɛhunu sɛ mene Awurade no.

Ezekiel 14:8 in English

Ezekiel 14:8 · Berean Standard Bible

I will set My face against that man and make him a sign and a proverb; I will cut him off from among My people. Then you will know that I am the LORD.

Context

6“Enti ka kyerɛ Israel efie sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Monsakra mo adwene. Momfiri mo ahoni ho na monnyae mo nneyɛeɛ a ɛyɛ akyiwadeɛ no! 7“ ‘Sɛ Israelni bi anaa ɔnanani a ɔte Israel twe ne ho firi me nkyɛn na ɔde ahoni hyɛ nʼakoma mu de amumuyɛ suntidua si nʼanim, na afei ɔkɔ odiyifoɔ nkyɛn kɔbisa mʼase a, me, Awurade ankasa bɛbua no. 8Mɛtu mʼani asa onipa no na mede no ayɛ nhwɛsoɔ ne akasabɛbuo. Mɛyi no afiri me nkurɔfoɔ mu. Afei mobɛhunu sɛ mene Awurade no. 9“ ‘Na sɛ odiyifoɔ no ma wɔdaadaa no ma ɔhyɛ nkɔm a, me Awurade na madaadaa odiyifoɔ no, mɛtene me nsa wɔ ne so na matwa no afiri me nkurɔfoɔ Israelfoɔ mu. 10Wɔbɛsoa wɔn afɔdie; odiyifoɔ no ne deɛ ɔkɔhunuu no no nyinaa bɛdi fɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.