Hesekiel 12:22
Ezekiel 12:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Onipa ba, abɛbuo a mowɔ wɔ Israel sɛ, ‘Nna no retwam nanso Israel anisoadehunu biara mma mu’ yi, aseɛ ne sɛn?
Ezekiel 12:22 in English
Ezekiel 12:22 · Berean Standard Bible
“Son of man, what is this proverb that you have in the land of Israel: ‘The days go by, and every vision fails’?
Context
20Wɔbɛsɛe nkuro a nnipa tete soɔ no nyinaa na asase no bɛda mpan. Afei wobɛhunu sɛ mene Awurade no.’ ” 21Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, 22“Onipa ba, abɛbuo a mowɔ wɔ Israel sɛ, ‘Nna no retwam nanso Israel anisoadehunu biara mma mu’ yi, aseɛ ne sɛn? 23Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Merebɛma abɛbuo yi aso ha ara, na wɔrenka wɔ Israel bio.’ Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nna a anisoadehunu biara bɛba mu no abɛn. 24Na atorɔ anisoadehunu ne nnaadaa abisa wɔ Israelfoɔ mu no to bɛtwa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.