Native Bible

Ezekiel 11:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mobɛtotɔ akofena ano, na mɛbu mu atɛn wɔ Israel asase so. Afei, mobɛhunu sɛ mene Awurade no.

Ezekiel 11:10 in English

Ezekiel 11:10 · Berean Standard Bible

You will fall by the sword, and I will judge you even to the borders of Israel. Then you will know that I am the LORD.

Context

8Mosuro akofena, na ɛno ara na mede bɛba mo so, sei na Awurade seɛ. 9Mɛpam mo afiri kuropɔn no mu na mede mo ahyɛ ananafoɔ nsa, na matwe mo aso. 10Mobɛtotɔ akofena ano, na mɛbu mu atɛn wɔ Israel asase so. Afei, mobɛhunu sɛ mene Awurade no. 11Saa kuropɔn yi remmɔ mo ho ban sɛdeɛ dadesɛn bɔ ɛnam a ɛwɔ mu no ho ban; Mɛbu mo atɛn wɔ Israel asase so. 12Na mobɛhunu sɛ mene Awurade no, ɛfiri sɛ, moanni mʼahyɛdeɛ so, moapo me mmara, na deɛ aman a atwa mo ahyia no yɛ no na mo nso moyɛ.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.