Hesekiel 10:8
Ezekiel 10:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
(Na wɔhunu biribi te sɛ onipa nsa wɔ Kerubim no ntaban ase.)
Ezekiel 10:8 in English
Ezekiel 10:8 · Berean Standard Bible
(The cherubim appeared to have the form of human hands under their wings.)
Context
6Ɛberɛ a Awurade hyɛɛ ɔbarima a ɔfira nwera no sɛ, “Yi egyasramma firi ntwahonan no mu, firi Kerubim no ase no,” ɔbarima no kɔɔ mu kɔgyinaa ntwahonan no baako ho. 7Afei, Kerubim no mu baako tenee ne nsa hyɛɛ egyasramma a ɛwɔ wɔn mu no mu. Ɔfaa mu bi de hyɛɛ ɔbarima a ɔfira nwera no nsam, na ɔno nso gyeeɛ de firii adi. 8(Na wɔhunu biribi te sɛ onipa nsa wɔ Kerubim no ntaban ase.) 9Mehwɛeɛ, na mehunuu ntwahonan ɛnan a baako biara gyina Kerubim nkyɛn, na ntwahonan no pa yerɛ yerɛ te sɛ sikabereɛboɔ. 10Sɛdeɛ ɛteɛ no deɛ, na ntwahonan no nyinaa sesɛ; ebiara wɔ ntwahonan foforɔ hyɛ mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.