Native Bible

Ezekiel 1:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

wɔn mu biara anim yɛ ɛnan na wɔwowɔ ntaban ɛnan ɛnan.

Ezekiel 1:6 in English

Ezekiel 1:6 · Berean Standard Bible

but each had four faces and four wings.

Context

4Mehwɛeɛ na mehunuu sɛ ahum kɛseɛ bi firi atifi fam reba, omununkum kɛseɛ bi a ɛrete ayerɛmo na hann bi a ano yɛ den atwa ho ahyia. Ogya no mfimfini te sɛ dadeɛ a asɔ kɔɔ. 5Na ogya no mu na na wɔhunu biribi te sɛ ateasefoɔ ɛnan. Na wɔn su te sɛ onipa, 6wɔn mu biara anim yɛ ɛnan na wɔwowɔ ntaban ɛnan ɛnan. 7Wɔn nan yɛ kyirebenn, wɔn anammɔn te sɛ nantwie ba deɛ, na ɛhyerɛn te sɛ kɔbere mfrafraeɛ a wɔahoa ho. 8Wɔwowɔ nnipa nsa wɔ ntaban a ɛwowɔ afa afa ɛnan no ase. Wɔn mu biara wɔ nnipa nsa ɛnan a baako wɔ ntaban biara ase,

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.