Native Bible

Exodus 6:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nnipa a na wɔtuatua Israel mmusuakuo no ano no edin na ɛdidi so yi: Ruben a ɔyɛ Israel abakan mmammarima yɛ: Hanok, Palu, Hesron, Karmi. Yeinom na wɔwoo Ruben asefoɔ.

Exodus 6:14 in English

Exodus 6:14 · Berean Standard Bible

These were the heads of their fathers’ houses: The sons of Reuben, the firstborn of Israel, were Hanoch and Pallu, Hezron and Carmi. These were the clans of Reuben.

Context

12Nanso, Mose kaa sɛ, “Dabi, afei deɛ, me ara me nkurɔfoɔ no rentie asɛm a mɛka biara bio. Na mʼano nso nteeɛ yi, ɛbɛyɛ dɛn na matumi akasa ama atɔ Farao asom?” 13Afei, Awurade hyɛɛ Mose ne Aaron sɛ wɔnsane nkɔ Israelfoɔ no ne Farao a ɔyɛ Misraimfoɔ ɔhene no nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ ɔmma Israelfoɔ no ɛkwan na wɔmfiri Misraim asase so nkɔ. 14Nnipa a na wɔtuatua Israel mmusuakuo no ano no edin na ɛdidi so yi: Ruben a ɔyɛ Israel abakan mmammarima yɛ: Hanok, Palu, Hesron, Karmi. Yeinom na wɔwoo Ruben asefoɔ. 15Simeon mmammarima: Yemuel, Yamin, Ohad, Yakin, Sohar ne Saulo a na ne maame yɛ Kanaanni. Yeinom na wɔwoo Simeon asefoɔ. 16Lewi mmammarima: Gerson, Kohat, Merari. (Lewi dii mfeɛ ɔha aduasa nson.)

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.