Native Bible

Exodus 40:34 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Omununkum no bɛkataa Ahyiaeɛ Ntomadan no so maa Awurade animuonyam hyɛɛ no ma.

Exodus 40:34 in English

Exodus 40:34 · Berean Standard Bible

Then the cloud covered the Tent of Meeting, and the glory of the LORD filled the tabernacle.

Context

32Ɛberɛ biara a wɔbɛfa afɔrebukyia no ho akɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu no, wɔgyina hohoroo wɔn ho sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ Mose no. 33Ɔsii biribi twaa Ahyiaeɛ Ntomadan no ne afɔrebukyia no ho hyiaeɛ na wɔde nsɛnanotam sɛnee ano. Enti Mose yɛɛ yei de wiee nʼadwumayɛ. 34Omununkum no bɛkataa Ahyiaeɛ Ntomadan no so maa Awurade animuonyam hyɛɛ no ma. 35Esiane sɛ na omununkum no asi wɔ hɔ no enti, Mose antumi ankɔ mu na Awurade animuonyam hyɛɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no ma. 36Ɛberɛ biara a omununkum no bɛpagya ne ho atu atene no, na Israelfoɔ no nso di akyire.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.