2 Mose 40:13
Exodus 40:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
na fa atadeɛ kronkron no hyɛ Aaron, na sra no ngo na ne ho nte na ɔmmɛyɛ me ɔsɔfoɔ.
Exodus 40:13 in English
Exodus 40:13 · Berean Standard Bible
And you are to clothe Aaron with the holy garments, anoint him, and consecrate him, so that he may serve Me as a priest.
Context
11Afei, fa ngo no bi sra atam no ne ne ntaamu no so fa te ho. 12“Afei, fa Aaron ne ne mmammarima no bra Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛkwan ano na fa nsuo hohoro wɔn ho 13na fa atadeɛ kronkron no hyɛ Aaron, na sra no ngo na ne ho nte na ɔmmɛyɛ me ɔsɔfoɔ. 14Afei, fa ne mmammarima no bra na fa wɔn ntadeɛ hyehyɛ wɔn 15na pete ngo gu wɔn so sɛdeɛ woyɛɛ wɔn agya no, sɛdeɛ wɔbɛsom me sɛ asɔfoɔ. Wɔn ngosra no bɛtena hɔ daa firi awo ntoatoasoɔ so akɔsi awo ntoatoasoɔ so. Na daa wɔn asefoɔ bɛyɛ asɔfoɔ.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.