2 Mose 37:2
Exodus 37:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na wɔde sikakɔkɔɔ duraa ɛho ne emu nyinaa ɛnna wɔde sikakɔkɔɔ hankra twaa ho hyiaeɛ.
Exodus 37:2 in English
Exodus 37:2 · Berean Standard Bible
He overlaid it with pure gold, both inside and out, and made a gold molding around it.
Context
1Afei, Besaleel yɛɛ Apam Adaka no. Ɔde okuo na ɛyɛeɛ. Na ne tenten yɛ anammɔn mmiɛnsa ne fa, ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn mmienu ne fa ɛnna ne ɔsorokɔ nso yɛ anammɔn mmienu ne fa. 2Na wɔde sikakɔkɔɔ duraa ɛho ne emu nyinaa ɛnna wɔde sikakɔkɔɔ hankra twaa ho hyiaeɛ. 3Na wɔde sikakɔkɔɔ nkawa ahyehyɛ ne nan ɛnan no ho, a nkawa mmienu wɔ ɛfa baako na mmienu a aka no nso wɔ ɛfa baako. 4Ɔsenee okuo nnua bi de sikakɔkɔɔ duraa ho.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.