2 Mose 34:5
Exodus 34:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Awurade siane baa sɛ omununkum fadum bɛgyinaa Mose ho bɔɔ ne din kronkron Awurade no.
Exodus 34:5 in English
Exodus 34:5 · Berean Standard Bible
And the LORD descended in a cloud, stood with him there, and proclaimed His name, the LORD.
Context
3Mfa obiara nka wo ho na ɛnsɛ sɛ obiara bɛn bepɔ no ho baabiara. Mma mmoa biara nkɔ adidi mmɛn bepɔ no.” 4Enti, Mose twaa twerɛ apono mmienu te sɛ kane deɛ no de kɔɔ Sinai Bepɔ so anɔpahema sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no. 5Awurade siane baa sɛ omununkum fadum bɛgyinaa Mose ho bɔɔ ne din kronkron Awurade no. 6Awurade faa nʼanim frɛɛ no kaa sɛ, “Me, Awurade, Onyankopɔn mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ a me bo kyɛre fu na mewɔ ɔdɔ na medi nokorɛ nso; 7me Awurade, me dɔ nnipa mpempem na mede atirimuɔden, atuateɛ ne bɔne kyɛ. Metwe afɔdie aso na metwe Agyanom, mma ne mmanananom kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa ne ɛnan aso.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.