Native Bible

Exodus 34:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Abakan biara yɛ me dea, sɛ ɛyɛ nantwie, odwan anaa abirekyie.

Exodus 34:19 in English

Exodus 34:19 · Berean Standard Bible

The first offspring of every womb belongs to Me, including all the firstborn males among your livestock, whether cattle or sheep.

Context

17“Monnsom ahoni biara. 18“Bɔ mmɔden sɛ wɔbɛdi Apiti Afahyɛ no nnanson sɛdeɛ meka kyerɛɛ wo no. Di no afe biara mu ɔbosome Abib (Yudafoɔ bosome a ɛdi ɛkan) mu. Saa bosome no mu na motu firii Misraim. 19“Abakan biara yɛ me dea, sɛ ɛyɛ nantwie, odwan anaa abirekyie. 20Afunumu ba a ɔyɛ abakan deɛ, wɔmfa no nsesa odwammaa. Na sɛ wompɛ sɛ wode no di nsesa deɛ a, bu ne kɔn mu. Mo mmammarima deɛ, monsesa wɔn nyinaa. “Obiara mma mʼanim a ɔnkura akyɛdeɛ bi. 21“Nnansia pɛ na momfa nyɛ adwuma. Ɛda a ɛtɔ so nson no deɛ, monnni dwuma biara. Ofuntumberɛ anaa otwaberɛ mpo, momfa nna nsia nyɛ adwuma. Ɛda a ɛtɔ so nson no, monhome.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.