Native Bible

Exodus 33:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na Awurade buaa no sɛ, “Mʼankasa me ne wo bɛkɔ na woadi nkonim.”

Exodus 33:14 in English

Exodus 33:14 · Berean Standard Bible

And the LORD answered, “My Presence will go with you, and I will give you rest.”

Context

12Mose ka kyerɛɛ Awurade sɛ, “Daa woka kyerɛ me sɛ, ‘Fa saa nnipa yi kɔ bɔhyɛ asase no so, nanso wonkyerɛɛ me onipa a ɔnka me ho ne me nkɔ. Wose woyɛ mʼadamfo a woayɛ me adɔeɛ bebree.’ 13Na sɛ saa na ɛte a, di mʼanim kyerɛ me baabi a ɛyɛ wo pɛ sɛ mefa na ama mate wo aseɛ na mafa wo kwan so pɛpɛɛpɛ. Na mma wo werɛ mfiri sɛ saa ɔman yi yɛ wo nkurɔfoɔ.” 14Na Awurade buaa no sɛ, “Mʼankasa me ne wo bɛkɔ na woadi nkonim.” 15Nanso Mose kaa sɛ, “Sɛ wo ne yɛn renkɔ deɛ a, mma yɛnntu yɛn nan mfiri ha. 16Sɛ wo ne yɛn ankɔ a, hwan na ɔbɛhunu sɛ me ne me nkurɔfoɔ anya wo hɔ adom a ama nsonsonoeɛ abɛda yɛn ne asase sofoɔ a aka no ntam?”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.