Native Bible

Exodus 32:30 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Adeɛ kyee anɔpa no, Mose ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ, “Moayɛ bɔne a ɛso bi mmaa da, nanso mɛsane akɔ Awurade nkyɛn wɔ bepɔ no so akɔhwɛ sɛ ebia, mɛnya bɔnefakyɛ ama mo anaa.”

Exodus 32:30 in English

Exodus 32:30 · Berean Standard Bible

The next day Moses said to the people, “You have committed a great sin. Now I will go up to the LORD; perhaps I can make atonement for your sin.”

Context

28Enti, wɔyɛɛ saa maa nnipa bɛyɛ mpensa totɔɔ ɛda no. 29Afei, Mose ka kyerɛɛ Lewifoɔ no sɛ, “Ɛnnɛ, moatu mo ho akyɛ sɛ mobɛsom Awurade, ɛfiri sɛ, moayɛ ɔsetie ama no ama mpo, monam so akunkum mo mma ne mo nuanom, enti ɔbɛhyira mo bebree.” 30Adeɛ kyee anɔpa no, Mose ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ, “Moayɛ bɔne a ɛso bi mmaa da, nanso mɛsane akɔ Awurade nkyɛn wɔ bepɔ no so akɔhwɛ sɛ ebia, mɛnya bɔnefakyɛ ama mo anaa.” 31Enti, Mose sane kɔɔ Awurade nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ao, saa nnipa yi ayɛ bɔne a ɛso bi mmaa da, na wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ wɔn anyame. 32Enti, meredi ama wɔn sɛ, fa wɔn bɔne kyɛ wɔn, na sɛ ɛnte saa nso a, pepa me din firi nwoma a woatwerɛ no mu.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.