Native Bible

Exodus 30:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Anwummerɛ biara, sɛ ɔsɔ kanea no a, ɔbɛhye aduhwam wɔ Awurade anim. Yei bɛtoa so firi awoɔ ntoatoasoɔ so akɔsi awo ntoatoasoɔ so.

Exodus 30:8 in English

Exodus 30:8 · Berean Standard Bible

When Aaron sets up the lamps at twilight,* he must burn the incense perpetually before the LORD for the generations to come.

Context

6Fa afɔrebukyia no si ntwamutam no akyi wɔ mpata beaeɛ hɔ a ɛbɔ faako a Apam Adaka a Mmaransɛm Edu no wɔ hɔ no ho ban. Mɛhyia mo hɔ. 7“Ɛda biara anɔpa, sɛ Aaron resiesie kanea no a, ɔbɛhye aduhwam wɔ afɔrebukyia no so. 8Anwummerɛ biara, sɛ ɔsɔ kanea no a, ɔbɛhye aduhwam wɔ Awurade anim. Yei bɛtoa so firi awoɔ ntoatoasoɔ so akɔsi awo ntoatoasoɔ so. 9Monhye aduhwam a wɔama ho ɛkwan wɔ afɔrebukyia no so. Mommmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ wɔ so, na mommfa ahwiesa ngu so. 10Afe biara, ɛsɛ sɛ Aaron dwira afɔrebukyia no ho yɛ no kronkron. Ɔde mogya bɛsrasra mmɛn a ɛtuatua ho no so sɛ mpatadeɛ. Ɛsɛ sɛ afe biara wɔte afɔrebukyia no ho yɛ no kronkron firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awo ntoatoasoɔ so, ɛfiri sɛ, ɛyɛ Awurade afɔrebukyia kronkron.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.