Native Bible

Exodus 30:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afe biara, ɛsɛ sɛ Aaron dwira afɔrebukyia no ho yɛ no kronkron. Ɔde mogya bɛsrasra mmɛn a ɛtuatua ho no so sɛ mpatadeɛ. Ɛsɛ sɛ afe biara wɔte afɔrebukyia no ho yɛ no kronkron firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awo ntoatoasoɔ so, ɛfiri sɛ, ɛyɛ Awurade afɔrebukyia kronkron.”

Exodus 30:10 in English

Exodus 30:10 · Berean Standard Bible

Once a year Aaron shall make atonement on the horns of the altar. Throughout your generations he shall make atonement on it annually with the blood of the sin offering * of atonement. The altar is most holy to the LORD.”

Context

8Anwummerɛ biara, sɛ ɔsɔ kanea no a, ɔbɛhye aduhwam wɔ Awurade anim. Yei bɛtoa so firi awoɔ ntoatoasoɔ so akɔsi awo ntoatoasoɔ so. 9Monhye aduhwam a wɔama ho ɛkwan wɔ afɔrebukyia no so. Mommmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ wɔ so, na mommfa ahwiesa ngu so. 10Afe biara, ɛsɛ sɛ Aaron dwira afɔrebukyia no ho yɛ no kronkron. Ɔde mogya bɛsrasra mmɛn a ɛtuatua ho no so sɛ mpatadeɛ. Ɛsɛ sɛ afe biara wɔte afɔrebukyia no ho yɛ no kronkron firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awo ntoatoasoɔ so, ɛfiri sɛ, ɛyɛ Awurade afɔrebukyia kronkron.” 11Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 12“Ɛberɛ biara a wobɛkan Israelfoɔ no, obiara a wɔbɛkan no no mfa ne mpatadeɛ mmrɛ Awurade mma ne kra, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔyaredɔm biara remma wɔn mu bi so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.