Native Bible

Exodus 30:36 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Monyam bi ma ɛnyɛ muhumuhu na momfa bi nsi Apam Adaka no anim baabi a mɛhyia mo wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu hɔ no. Saa aduhwam yi ne deɛ ɛyɛ kronkron koraa wɔ ne nyinaa mu.

Exodus 30:36 in English

Exodus 30:36 · Berean Standard Bible

Grind some of it into fine powder and place it in front of the Testimony * in the Tent of Meeting, where I will meet with you. It shall be most holy to you.

Context

34Awurade hyɛɛ mmara a ɛfa aduhwam no ho maa Mose sɛ, “Fa nnuhwam aneneduro ne nworahwam ne prɛkɛsɛ hwamhwam ne ohwamfufuo gyenegyene na wɔnsusu ne nyinaa mu duru ma ɛnyɛ pɛ, 35na fa yɛ aduhwam a wɔhyeɛ a aduhwamfrani a waben yɛ no bi, na wɔmfa nkyene mfra mu; na ɛbɛyɛ aduhwam kronkron. 36Monyam bi ma ɛnyɛ muhumuhu na momfa bi nsi Apam Adaka no anim baabi a mɛhyia mo wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu hɔ no. Saa aduhwam yi ne deɛ ɛyɛ kronkron koraa wɔ ne nyinaa mu. 37Monnyɛ bi mfa, ɛfiri sɛ, wɔakora ama Awurade enti, ɛsɛ sɛ mohunu sɛ ɛyɛ kronkron. 38Obiara a ɔbɛyɛ bi afa no, wɔbɛtwa no asuo.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.