Native Bible

Exodus 30:26 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Awurade kaa sɛ, momfa yei nte Ahyiaeɛ Ntomadan ne Apam Adaka,

Exodus 30:26 in English

Exodus 30:26 · Berean Standard Bible

Use this oil to anoint the Tent of Meeting, the ark of the Testimony,

Context

24Kurobo dodoɔ a mobɛfa no nyɛ sɛ sinamon no dodoɔ na momfa ngo dua mu ngo lita ɛnan. 25Awurade ahyɛ nnuhwamfrafoɔ a wɔaben yie, sɛ wɔmfra saa nnuhwam yi ma ɛnyɛ ngo kronkron a wɔde te onipa ho. 26Awurade kaa sɛ, momfa yei nte Ahyiaeɛ Ntomadan ne Apam Adaka, 27ne ɛpono ne ɛho nkyɛnsee ne ɔhyeɛ afɔrebukyia no ho. 28Saa ara nso na momfa nte afɔrebukyia no ne ɛho nneɛma ne atam ne deɛ ɛsi mu no ho.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.