Native Bible

Exodus 30:1 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Fa okuo yɛ afɔrebukyia ketewa bi a wobɛhye aduhwam wɔ so.

Exodus 30:1 in English

Exodus 30:1 · Berean Standard Bible

“You are also to make an altar of acacia wood for the burning of incense.

Context

1“Fa okuo yɛ afɔrebukyia ketewa bi a wobɛhye aduhwam wɔ so. 2Ma ɛnyɛ ahinanan a ne fa biara susu nsateakwaa dunwɔtwe, na ne ɔsorokɔ nso nyɛ anammɔn mmiɛnsa a wɔasene mmɛn a ɛfiri dua a wɔde yɛɛ afɔrebukyia no ara mu ama ɛtuatua ho. Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ mmɛn a wɔsene firi baabi bɛtuatuaa ho. 3Fa sikakɔkɔɔ kata ne soro, ne nkyɛn ne mmɛn a ɛwɔ afɔrebukyia no ho no nyinaa. Na fa sikakɔkɔɔ ntotoano twa afɔrebukyia no ho nyinaa hyia.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.