Native Bible

Exodus 3:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei, merebɛsoma wo akɔ Farao nkyɛn, akɔyi me ɔman Israel afiri Misraim.”

Exodus 3:10 in English

Exodus 3:10 · Berean Standard Bible

Therefore, go! I am sending you to Pharaoh to bring My people the Israelites out of Egypt.”*

Context

8Maba sɛ merebɛgye wɔn afiri Misraimfoɔ nsam na mayi wɔn afiri Misraim asase so de wɔn akɔ asase pa so—asase a ɛtrɛ; asase a ɛwoɔ ne nufosuo wɔ so—asase a Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ te soɔ no so. 9Mate Israelfoɔ no su, na mahunu nya a Misraimfoɔ di wɔn no. 10Afei, merebɛsoma wo akɔ Farao nkyɛn, akɔyi me ɔman Israel afiri Misraim.” 11Mose bisaa sɛ, “Mene hwan a mɛtumi akɔ Farao anim akɔka sɛ merebɛyi Israelfoɔ afiri Misraim asase so?” 12Onyankopɔn buaa no sɛ, “Mɛka wo ho. Adansedeɛ a ɛkyerɛ sɛ me na masoma wo no nie. Sɛ woyi nnipa no firi Misraim a, mobɛsom Onyankopɔn wɔ saa bepɔ yi so.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.