Native Bible

Exodus 25:31 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Momfa sikakɔkɔɔ a wɔaboro nyɛ kaneadua. Kaneadua no ase, nʼabaa, nkanea no nhwiren ne ɛho nsiesie no nyinaa nyɛ adeɛ baako.

Exodus 25:31 in English

Exodus 25:31 · Berean Standard Bible

Then you are to make a lampstand of pure, hammered gold. It shall be made of one piece, including its base and shaft, its cups, and its buds and petals.

Context

29Momfa sikakɔkɔɔ amapa nyɛ nwowaa, ntere, nhina ne nsatoa. 30Ɛda biara, fa burodo to ɛpono no so wɔ mʼanim. 31“Momfa sikakɔkɔɔ a wɔaboro nyɛ kaneadua. Kaneadua no ase, nʼabaa, nkanea no nhwiren ne ɛho nsiesie no nyinaa nyɛ adeɛ baako. 32Kaneadua a ɛhyɛ mfimfini no bɛnya nkorabata nsia a mmiɛnsa wɔ ɛfa na mmiɛnsa nso wɔ ɛfa. 33Momfa nhwiren mmiɛnsa nsiesie nkorabata biara ho.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.