2 Mose 25:15
Exodus 25:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Monnyiyi nnua a wɔde soa adaka no mfiri nkawa no mu. Momma ɛnhyehyɛ mu afebɔɔ.
Exodus 25:15 in English
Exodus 25:15 · Berean Standard Bible
The poles are to remain in the rings of the ark; they must not be removed.
Context
13Fa okuo sene mpoma, na fa sikakɔkɔɔ duradura ho, 14na fa hyehyɛ nkawa no mu na wɔde apam adaka no asoa. 15Monnyiyi nnua a wɔde soa adaka no mfiri nkawa no mu. Momma ɛnhyehyɛ mu afebɔɔ. 16Mowie adaka no a, momfa ɛboɔ a matwerɛ Mmaransɛm Edu no agu so no nto mu. 17“Momfa sikakɔkɔɔ nyɛ adaka no mmuasoɔ a wɔfrɛ no Mpata Dwa. Ne ntentenemu yɛ anammɔn mmiɛnsa ne fa, ɛnna ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn mmienu ne fa. Ɛha ne beaeɛ a mobɛnya mo bɔne so ahummɔborɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.