2 Mose 24:15
Exodus 24:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mose foro kɔɔ bepɔ no so hɔ na ɔyeraa wɔ omununkum mu.
Exodus 24:15 in English
Exodus 24:15 · Berean Standard Bible
When Moses went up on the mountain, the cloud covered it,
Context
13Enti, Mose ne ne ɔboafoɔ Yosua foro kɔɔ Onyankopɔn bepɔ no so. 14Ɔka kyerɛɛ mpanimfoɔ no sɛ, “Montena ha ntwɛn yɛn kɔsi sɛ yɛbɛba. Merekɔ yi, sɛ asɛm bi kyere mo so a, monka nkyerɛ Aaron ne Hur.” 15Mose foro kɔɔ bepɔ no so hɔ na ɔyeraa wɔ omununkum mu. 16Na Awurade animuonyam hyɛɛ Sinai bepɔ no so ma. Na omununkum sii bepɔ no so nnansia. Ne nnanson so no, ɔfrɛɛ Mose firii omununkum no mu. 17Wɔn a wɔwɔ bepɔ no ase no hunuu anwanwadeɛ no. Na Awurade animuonyam a ɛwɔ bepɔ no so no te sɛ ogya a ɛrederɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.