Native Bible

Exodus 23:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nka sɛ obi yɛ ohiani enti wobɛdi adanseɛ ama no.

Exodus 23:3 in English

Exodus 23:3 · Berean Standard Bible

And do not show favoritism to a poor man in his lawsuit.

Context

1“Nkeka nkontomposɛm. Wo ne ɔbɔnefoɔ nni nsawɔsoɔ, na woanni adansekurumu. 2“Mfa wo ho nhyehyɛ nnipadɔm bi a wɔpɛ sɛ wɔyɛ bɔne mu. Sɛ woredi adanseɛ a, nhwɛ nnipa dodoɔ bi so nni mma wɔn. 3Nka sɛ obi yɛ ohiani enti wobɛdi adanseɛ ama no. 4“Sɛ wohunu wo ɔtamfoɔ nantwie anaa nʼafunumu a wayera a, kyere no kɔma ne wura no. 5Sɛ wokɔto sɛ wo ɔtamfoɔ repagya nʼafunumu agyina ne nan so wɔ adesoa duruduru ase a, ntwa ne ho nkɔ. Boa no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.