2 Mose 22:26
Exodus 22:26 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛ wogye ne ntoma de si awowa a, anadwo no ara, fa nʼadeɛ kɔma no.
Exodus 22:26 in English
Exodus 22:26 · Berean Standard Bible
If you take your neighbor’s cloak as collateral, return it to him by sunset,
Context
24Mede mʼabufuo bɛtia mo na mama atamfoɔ dɔm akum mo na mo yerenom nso adane akunafoɔ ama mo mma nso ayɛ nwisiaa bi. 25“Sɛ wobɔ wo yɔnko Hebrini bosea a, nnye ho mfɛntom biara. 26Sɛ wogye ne ntoma de si awowa a, anadwo no ara, fa nʼadeɛ kɔma no. 27Ɛfiri sɛ, ebia na ntoma a ɔwɔ de kata ne ho de ka ne ho hye ara ne no; woagye yi, ɛbɛyɛ dɛn na watumi ada? Sɛ woamfa ankɔma no na sɛ ɔsu frɛ me a, mɛtie na mahunu no mmɔbɔ, ɛfiri sɛ, meyɛ mmɔborɔhunufoɔ. 28“Monnkasa ntia Onyankopɔn na monnome aban mu mpanimfoɔ anaa mo atemmufoɔ anaa wɔn a wɔdi mo so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.