Native Bible

Exodus 22:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Sɛ ɔbarima bi kɔdaadaa abaayewa bi a ɔnyɛɛ ne ho adeɛ na ɔne no da a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ne ho adeɛ na ɔware no.

Exodus 22:16 in English

Exodus 22:16 · Berean Standard Bible

If a man seduces a virgin who is not pledged in marriage and sleeps with her, he must pay the full dowry for her to be his wife.

Context

14“Sɛ obi fɛm aboa bi anaa biribi foforɔ bi firi ne yɔnko nkyɛn na sɛ aboa no wu anaa ɔpira ɛberɛ a ne wura no nni hɔ a, ɛsɛ sɛ onipa a ɔfɛm saa aboa no tua ka. 15Na sɛ ne wura no wɔ hɔ deɛ a, ɛnsɛ sɛ ɔfɛmfoɔ no tua ka, ɛfiri sɛ, wɔbuu yei nyinaa fraa ɔfɛm no ho akatua mu. 16“Sɛ ɔbarima bi kɔdaadaa abaayewa bi a ɔnyɛɛ ne ho adeɛ na ɔne no da a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ne ho adeɛ na ɔware no. 17Sɛ abaayewa no agya se ɔmpene awadeɛ no so a, ɛsɛ sɛ ɔbarima no tua ne tiri sika. 18“Monkum mmaa nkonyaayifoɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.