2 Mose 22:12
Exodus 22:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso, sɛ wia na wɔwiaa aboa no anaa dekodeɛ no wɔ ne nkyɛn deɛ a, na ɛsɛ sɛ sohwɛfoɔ a wɔwiaa aboa no anaa dekodeɛ no firii ne nkyɛn no tua ne wura no ka.
Exodus 22:12 in English
Exodus 22:12 · Berean Standard Bible
But if the animal was actually stolen from the neighbor, he must make restitution to the owner.
Context
10“Sɛ obi de afunumu, nantwie, odwan anaa aboa foforɔ bi ma ne yɔnko bi ayɛn na aboa no wu anaa ɔpira anaa ɔdwane na sɛ obi anhunu ammɛka a, 11ɛsɛ sɛ deɛ ɔgyee aboa no ayɛn no ka ntam wɔ Awurade anim sɛ ɛnyɛ ɔno na wawia aboa no na deɛ ne dea no gye to mu a, ɔnnye biribiara nsi ananmu. 12Nanso, sɛ wia na wɔwiaa aboa no anaa dekodeɛ no wɔ ne nkyɛn deɛ a, na ɛsɛ sɛ sohwɛfoɔ a wɔwiaa aboa no anaa dekodeɛ no firii ne nkyɛn no tua ne wura no ka. 13Sɛ akekaboa na ɔkumm no a, ɛsɛ sɛ ɔde aboa no funu ba bɛkyerɛ. Ɔyɛ no saa a, ɔrentua ho ka biara. 14“Sɛ obi fɛm aboa bi anaa biribi foforɔ bi firi ne yɔnko nkyɛn na sɛ aboa no wu anaa ɔpira ɛberɛ a ne wura no nni hɔ a, ɛsɛ sɛ onipa a ɔfɛm saa aboa no tua ka.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.