Native Bible

Exodus 21:32 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na sɛ nantwie no pem akoa anaa afenaa a, wɔbɛma akoa anaa afenaa no wura dwetɛ gram ahasa ne aduanan mmienu (342), na wɔasi nantwie no aboɔ.

Exodus 21:32 in English

Exodus 21:32 · Berean Standard Bible

If the ox gores a manservant or maidservant, the owner must pay thirty shekels of silver * to the master of that servant, and the ox must be stoned.

Context

30Sɛ nso owufoɔ no abusuafoɔ pɛ a, wɔbɛbɔ nantwiewura no ka. Atemmufoɔ na wɔbɛkyerɛ ɛka no ano. 31Mmara korɔ no ara kyere nantwie a ɔbɛpem abarimaa anaa abaayewa. 32Na sɛ nantwie no pem akoa anaa afenaa a, wɔbɛma akoa anaa afenaa no wura dwetɛ gram ahasa ne aduanan mmienu (342), na wɔasi nantwie no aboɔ. 33“Sɛ ɔbarima bi tu abura, na wankata so, na nantwie anaa afunumu kɔtɔ mu a, 34ɛka biara a aboa no wura bɛbɔ abura no wura no, ɛsɛ sɛ abura wura no tua na ɔfa aboa a wawu no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.