2 Mose 21:23
Exodus 21:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na sɛ opira no mu no, ɔbaa no nam so wu a, wɔnkum saa ɔbarima no.
Exodus 21:23 in English
Exodus 21:23 · Berean Standard Bible
But if a serious injury results, then you must require a life for a life—
Context
21Nanso, sɛ nna bi akyi akoa no anwu a, ɛnneɛ, owura no renkɔ asotwe biara mu, ɛfiri sɛ, akoa no yɛ nʼagyapadeɛ. 22“Sɛ mmarima baanu reko na ɔko no mu wɔpira ɔpemfoɔ ma ɔpɔn, nanso wanwu a, wɔbɛbɔ ɔbarima a ɔpiraa no no ka biara a ɔpemfoɔ no kunu de bɛto atemmufoɔ anim ama wɔapene so no. 23Na sɛ opira no mu no, ɔbaa no nam so wu a, wɔnkum saa ɔbarima no. 24Sɛ ɔpemfoɔ no pira nʼani a, pira ɔbarima no nso ani; sɛ ne se tu a, tu ne deɛ bi. Nsa nsi nsa anan, ɛnan nsi ɛnan anan, 25ɔhyeɛ nsi ɔhyeɛ anan, apirakuro nsi apirakuro anan na ntampeɛ nsi ntampeɛ anan.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.