Native Bible

Exodus 21:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Obiara a ɔbɛbɔ obi akum no no, wɔbɛkum no bi.

Exodus 21:12 in English

Exodus 21:12 · Berean Standard Bible

Whoever strikes and kills a man must surely be put to death.

Context

10Sɛ ɔno ara ankasa ware no na ɔsane ware foforɔ a, ɛnsɛ sɛ ɔte nʼaduane ne ntoma a ɔde ma no no so; na ɛnsɛ sɛ ɔkame no nna sɛ ɔyere. 11Na sɛ wantumi anni saa ahyɛdeɛ mmiɛnsa yi so a, afenaa a ɔyɛ ɔyere no tumi kɔ kwa a ɔntua sika biara. 12“Obiara a ɔbɛbɔ obi akum no no, wɔbɛkum no bi. 13Sɛ ɛyɛ asiane a ɛyɛ Onyankopɔn nhyehyɛeɛ a wanhyɛ da a, mɛkyerɛ onii no baabi a ɔnnwane nkɔhinta. 14Sɛ obi boapa taataa ɔfoforɔ so pɛ sɛ ɔkum no a, onii no gyina afɔrebukyia anim koraa a, montwe no nkɔkum no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.