2 Mose 2:1
Exodus 2:1 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Saa ɛberɛ no mu, Lewini bi waree abaayewa bi firii Lewi abusuakuo mu.
Exodus 2:1 in English
Exodus 2:1 · Berean Standard Bible
Now a man of the house of Levi married a daughter of Levi,
Context
1Saa ɛberɛ no mu, Lewini bi waree abaayewa bi firii Lewi abusuakuo mu. 2Ɔbaa no nyinsɛnee, woo abarimaa. Abɔfra no maame hunuu sɛ ne ho yɛ fɛ yie enti ɔde no siee efie abosome mmiɛnsa. 3Ɛduruu ɛberɛ bi no, na ɔde no sie a ɛnyɛ yie enti, ɔde mmɛwa nwonoo kɛntɛn bi de ɛhyɛ ne aman faa ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nsuo ntumi nkɔ mu. Ɔde abɔfra no too mu de no kɔsii asuo Nil konkɔn so wɔ wura a na ɛwɔ hɔ no bi mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.