2 Mose 19:8
Exodus 19:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔtee asɛm no, wɔn nyinaa bɔ gyee so sɛ, “Yɛbɛyɛ biribiara a Awurade aka sɛ yɛnyɛ no nyinaa.” Enti, Mose kɔkaa nsɛm a nnipa no aka no kyerɛɛ Awurade.
Exodus 19:8 in English
Exodus 19:8 · Berean Standard Bible
And all the people answered together, “We will do everything that the LORD has spoken.” So Moses brought their words back to the LORD.
Context
6Na mobɛyɛ asɔfoɔ ahemman a ɛyɛ ɔman kronkron ama Onyankopɔn.’ Saa nsɛm yi na ka kyerɛ Israelfoɔ no.” 7Mose siane firii bepɔ no so baeɛ no, ɔfrɛɛ mpanimfoɔ a wɔtuatua nnipa no ano nyinaa na ɔkaa asɛm a Awurade ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ wɔn. 8Wɔtee asɛm no, wɔn nyinaa bɔ gyee so sɛ, “Yɛbɛyɛ biribiara a Awurade aka sɛ yɛnyɛ no nyinaa.” Enti, Mose kɔkaa nsɛm a nnipa no aka no kyerɛɛ Awurade. 9Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Merebɛba wo nkyɛn sɛ omununkum sɛdeɛ ɛbɛyɛ na me ne wo kasa a, nnipa no bɛte me nne na ɛnam so ama wɔagye wo adi daa. 10“Siane kɔ nnipa no nkyɛn na kɔhwɛ sɛ wɔasiesie wɔn ho rehwɛ me ɛkwan. Fa ɛnnɛ ne ɔkyena te wɔn ho. Ma wɔnsi wɔn nneɛma nyinaa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.