Native Bible

Exodus 16:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mommma adeɛ nkye so.”

Exodus 16:19 in English

Exodus 16:19 · Berean Standard Bible

Then Moses said to them, “No one may keep any of it until morning.”

Context

17Enti, Israelfoɔ no firii adi kɔboaboaa aduane no bi ano. Ebi faa pii ɛnna ebi faa kakraa bi. 18Wɔhwiee deɛ wɔaboaboa ano no nyinaa guu susukoraa mu no, na ɛdɔɔso sɛ obiara bɛnya bi. Wɔn a wɔnyaa pii no, ebi anka, ɛnna wɔn a wɔnyaa kakra bi no nso, ɛsoo wɔn. Efie biara nyaa ne so ne ne deɛ. 19Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mommma adeɛ nkye so.” 20Nanso, ebinom yɛɛ asoɔden maa adeɛ kyee so. Adeɛ kyee so no, na adɔre nsaama ma ɛbɔn enti Mose bo fuu wɔn yie. 21Afei, na wɔkɔtase aduane no anɔpa biara, na wɔtase dodoɔ biara a, ɛso efie biara. Na awia bɔɔ dendeenden guu so no, aduane no nyinaa naneeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.