Native Bible

Exodus 13:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔfiri Sukot no, wɔkɔkyeree sraban wɔ Etam ɛserɛ no ano.

Exodus 13:20 in English

Exodus 13:20 · Berean Standard Bible

They set out from Succoth and camped at Etham on the edge of the wilderness.

Context

18Enti, Onyankopɔn dii wɔn anim de wɔn faa ɛserɛ so kɔntɔnkyekwan a ɛrekɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho no so. 19Mose rekɔ no, ɔfaa Yosef nnompe de kaa ne ho kɔeɛ, ɛfiri sɛ, na Yosef ama Israel mma aka Onyankopɔn ntam sɛ, “Sɛ ɔreyi wɔn afiri Misraim a, wɔde ne nnompe bɛkɔ bi, ɛfiri sɛ, na ɔnim sɛ Onyankopɔn bɛyi wɔn afiri Misraim asase so.” 20Wɔfiri Sukot no, wɔkɔkyeree sraban wɔ Etam ɛserɛ no ano. 21Awurade de omununkum kyerɛɛ wɔn ɛkwan awia na ɔde ogya nso kyerɛɛ wɔn ɛkwan anadwo. Enti na wɔtumi tu wɔn kwan no awia ne anadwo nyinaa. 22Ɛberɛ biara na wɔhunu omununkum ne ogya no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.