Native Bible

Exodus 12:41 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na ɛda a wɔdii mfeɛ ahanan ne aduasa no pɛ na Awurade nkurɔfoɔ nyinaa firii asase no so.

Exodus 12:41 in English

Exodus 12:41 · Berean Standard Bible

At the end of the 430 years, to the very day, all the LORD’s divisions went out of the land of Egypt.

Context

39Wɔduruu baabi a wɔpɛ sɛ wɔdidi no, wɔde mmɔre a wɔamfa mmɔreka amfra a wɔde kɔeɛ no bi too burodo diiɛ. Na mmɔreka nni mu, ɛfiri sɛ, Misraimfoɔ no pamoo wɔn. Ɛno enti wɔannya mu ɛkwan anyɛ aduane a wɔbɛdi wɔ ɛkwan so. 40Israelfoɔ no tenaa Misraim mfeɛ ahanan ne aduasa. 41Na ɛda a wɔdii mfeɛ ahanan ne aduasa no pɛ na Awurade nkurɔfoɔ nyinaa firii asase no so. 42Saa anadwo no ne ɛberɛ a Awurade yi too hɔ de gyee ne nkurɔfoɔ firii Misraim asase so. Enti, saa anadwo korɔ no ara na Israelfoɔ no yi de too hɔ sɛ ɛda a Onyankopɔn gyee wɔn no afirinhyia ɛda. 43Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ, “Twam Afahyɛ no ho mmara ni: “Ahɔhoɔ biara nnwe odwammaa no ɛnam no bi.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.