2 Mose 12:36
Exodus 12:36 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Awurade maa Misraimfoɔ no hunuu Israelfoɔ no mmɔbɔ enti wɔmaa wɔn wɔn abisadeɛ nyinaa. Ɛnam saa yɛ so maa Israelfoɔ no twee Misraimfoɔ ahonyadeɛ nyinaa kɔeɛ.
Exodus 12:36 in English
Exodus 12:36 · Berean Standard Bible
And the LORD gave the people such favor in the sight of the Egyptians that they granted their request. In this way they plundered the Egyptians.
Context
34Israelfoɔ no faa wɔn mmɔre a wɔafɔtɔ a mmɔreka mfra mu, na wɔde wɔn ntadeɛ kyekyeree wɔn mmɔrefɔtɔ nnaka de sisii wɔn mmati so. 35Na Israelfoɔ no asrɛsrɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ adwinneɛ ne ntadeɛ afiri Misraimfoɔ no nkyɛn sɛdeɛ Mose kaa sɛ wɔnyɛ no. 36Awurade maa Misraimfoɔ no hunuu Israelfoɔ no mmɔbɔ enti wɔmaa wɔn wɔn abisadeɛ nyinaa. Ɛnam saa yɛ so maa Israelfoɔ no twee Misraimfoɔ ahonyadeɛ nyinaa kɔeɛ. 37Anadwo no ara, Israelfoɔ no siim firii Rameses kɔɔ Sukot. Na wɔn dodoɔ yɛ nnipa mpem ahansia a wɔnam fam, a mmaa ne mmɔfra de wɔankan wɔn anka ho. 38Nnipa ahodoɔ pii bi a wɔnyɛ Israelfoɔ kaa wɔn ho kɔeɛ. Wɔde wɔn nnwan ne wɔn anantwie nyinaa kaa wɔn ho.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.