Native Bible

Esther 2:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔhene Nebukadnessar na ɔtwaa nʼabusuafoɔ ne Yudahene Yekonia ne afoforɔ bi asuo firii Yerusalem kɔɔ Babilonia.

Esther 2:6 in English

Esther 2:6 · Berean Standard Bible

He had been carried into exile from Jerusalem by Nebuchadnezzar king of Babylon among those taken captive with Jeconiah * king of Judah.

Context

4Ɛno akyi no, ababaawa a ɔsɔ wʼani yie no na wɔbɛsi no ɔhemmaa, asi Wasti ananmu.” Saa afotuo yi sɔɔ ɔhene no ani yie, enti ɔyɛɛ saa ntɛm so. 5Na Yudani bi a ɔyɛ Yair babarima a ne din de Mordekai te Susa aban no mu. Na ɔfiri Benyamin abusuakuo mu. Na ɔyɛ Kis ne Simei aseni. 6Ɔhene Nebukadnessar na ɔtwaa nʼabusuafoɔ ne Yudahene Yekonia ne afoforɔ bi asuo firii Yerusalem kɔɔ Babilonia. 7Na saa ɔbarima yi wɔ onua hoɔfɛfoɔ bi a ne din de Hadasa a na wɔsane frɛ no Ɛster. Ɛberɛ a nʼagya ne ne maame wuwuiɛ no, Mordekai faa no kaa nʼabusua ho, tetee no sɛ nʼankasa babaa. 8Ɔhene no mmara a ɔhyɛeɛ no enti, wɔde Ɛster ne mmabaawa bebree baa ɔhene yerenom atenaeɛ wɔ Susa aban no mu, de wɔn hyɛɛ Hegai nsa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.