Efesofoɔ 5:10
Ephesians 5:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
na ɛhwehwɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani.
Ephesians 5:10 in English
Ephesians 5:10 · Berean Standard Bible
Test and prove what pleases the Lord.
Context
8Ɛberɛ bi na moyɛ esum, nanso seesei deɛ, moyɛ hann wɔ Awurade mu. Ne saa enti montena ase sɛ hann mma. 9Ɛfiri sɛ, hann no ma moyɛ papa, teneneefoɔ ne nokwafoɔ, 10na ɛhwehwɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani. 11Montwe mo ho mfiri nneɛma hunu a wɔyɛ wɔ esum mu ho, na mompa ho ntoma. 12Ɛyɛ aniwu sɛ wɔbɔ nneɛma a asoɔdenfoɔ yɛ no esum mu no so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.