Ɔsɛnkafoɔ 2:9
Ecclesiastes 2:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Megyee edin sene obiara a wadi mʼanim wɔ Yerusalem. Yeinom nyinaa mu no, me nimdeɛ kɔɔ so yɛɛ adwuma.
Ecclesiastes 2:9 in English
Ecclesiastes 2:9 · Berean Standard Bible
So I became great and surpassed all in Jerusalem who had preceded me; and my wisdom remained with me.
Context
7Metɔɔ nkoa ne mfenaa, na menyaa ebinom nso a wɔwoo wɔn wɔ me fie. Afei nso menyaa anantwie ne nnwan bebree sene obiara a wadi mʼanim wɔ Yerusalem. 8Mepɛɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, gyegyee ahemfo ne amantam no ademudeɛ kaa ho. Mefaa mmarima ne mmaa nnwomtofoɔ, pɛɛ mmaa atenaeɛ nso; deɛ ɛyɛ ɔbarima akoma anigyedeɛ biara. 9Megyee edin sene obiara a wadi mʼanim wɔ Yerusalem. Yeinom nyinaa mu no, me nimdeɛ kɔɔ so yɛɛ adwuma. 10Deɛ mʼani hwehwɛeɛ biara, mamfa ankame no;
mansi mʼakoma anigyeɛ ho ɛkwan.
Mʼakoma ani gyee me nnwuma nyinaa ho,
na yei yɛ mʼadwumayɛ so akatua. 11Nanso sɛ mehwɛ deɛ me nsa ayɛ nyinaa
ne deɛ mabrɛ anya a,
ne nyinaa nka hwee, ɛte sɛ deɛ wɔtu mmirika taa mframa.
Mannya mfasoɔ biara wɔ owia yi ase.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.