Ɔsɛnkafoɔ 2:12
Ecclesiastes 2:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mede mʼadwene kɔɔ nimdeɛ, abɔdamsɛm ne nkwaseasɛm so. Ɛdeɛn bio na deɛ wɔadi ɔhene adeɛ bɛtumi ayɛ asene deɛ wɔayɛ dada no?
Ecclesiastes 2:12 in English
Ecclesiastes 2:12 · Berean Standard Bible
Then I turned to consider wisdom and madness and folly; for what more can the king’s successor do than what has already been accomplished?
Context
10Deɛ mʼani hwehwɛeɛ biara, mamfa ankame no;
mansi mʼakoma anigyeɛ ho ɛkwan.
Mʼakoma ani gyee me nnwuma nyinaa ho,
na yei yɛ mʼadwumayɛ so akatua. 11Nanso sɛ mehwɛ deɛ me nsa ayɛ nyinaa
ne deɛ mabrɛ anya a,
ne nyinaa nka hwee, ɛte sɛ deɛ wɔtu mmirika taa mframa.
Mannya mfasoɔ biara wɔ owia yi ase. 12Mede mʼadwene kɔɔ nimdeɛ,
abɔdamsɛm ne nkwaseasɛm so.
Ɛdeɛn bio na deɛ wɔadi ɔhene adeɛ bɛtumi ayɛ
asene deɛ wɔayɛ dada no? 13Mehunuu sɛ, nimdeɛ yɛ sene nkwaseasɛm,
sɛdeɛ hann yɛ sene esum no. 14Onyansafoɔ ani wɔ ne tirim,
na ɔkwasea deɛ, ɔnante esum mu;
nanso mehunuu sɛ
wɔn nyinaa hyɛberɛ yɛ pɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.